1 Timothy 5

1Nkasa ntia akwakoraa na mmom kɔka wʼahiasɛm kyerɛ no sɛ wʼagya. Fa kronnyɛ ne mmabun ntena sɛ wo nnuammarima nkummaa, 2na fa mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammea wɔ kronnyɛ mu.

3Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa ara no ni. 4Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne nananom ka efisɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

5Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa. 6Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. 7Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso.

8Na sɛ obi nhwɛ ne fifo ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

9Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ waware prɛko pɛ, 10na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Onyankopɔn nan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa yɛ.

11Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan so. 13Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi afi mu na nea enye koraa ne sɛ, wodi nseku yɛ pɛrepɛre ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.

16Sɛ ɔbea gyidifo bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.

Hwɛ a wɔhwɛ asɛmpakafo yiye

17Mpanyimfo a wɔyɛ nnwuma pa sɛ akannifo no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho ma wɔn akatua abien; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛfo akatua fata no!”

19Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no gye sɛ adansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim baguam na abɔ afoforo hu.

21Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu. 22Sɛ ehia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu a, mpepere ho. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho na ma wo ho ntew.

23Nnom nsu nko ara na mmom ɛyɛ wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom nsa kakra.

24Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu; nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri yi. 25Saa ara nso na nneyɛe pa yɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.

Copyright information for TwiNAK